-
Esra 5:8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Ma ɔhene nhu sɛ, yɛsiim kɔɔ Onyankopɔn kɛseɛ no fie a ɛwɔ Yuda mantam mu no. Yɛkɔhuu sɛ wɔde aboɔ akɛseɛ resi na wɔde nnua rehyehyɛ afasuo no mu. Wɔn ani abere reyɛ adwuma no dendeenden na ɛrenya nkɔsoɔ.
-