10 Berɛ a adansifoɔ no too Yehowa asɔrefie no fapem+ wieeɛ no, asɔfoɔ a wɔahyehyɛ wɔn ntadeɛ+ kurakura ntotorobɛnto+ ne Lewifoɔ, Asaf+ mma, a wɔkurakura nnawuta+ no sɔree sɛ wɔrebɛyi Yehowa ayɛ sɛdeɛ na Israel hene Dawid akyerɛ+ no.
18 “‘Monsusu asɛm yi ho wɔ mo akomam;+ ɛfiri saa da yi, bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan, da a wɔtoo Yehowa asɔrefie no fapem+ no, monsusu asɛm yi ho: