2 Saa berɛ no mu na Sealtiel+ ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ sɔreeɛ, na wɔfirii aseɛ sii Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no; ná Onyankopɔn adiyifoɔ+ ka wɔn ho, na wɔboaa wɔn.
9 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Monyere mo nsam dendeenden,+ mo a nna yi moate nsɛm yi afiri adiyifoɔ+ no anom, da a wɔtoo asafo Yehowa fie fapem sɛ wɔresi asɔrefie no.+