17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Onyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade,+ Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu.+ Ɔnyɛ animhwɛ+ na ɔnnye adanmudeɛ biara.+
3 Enti obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi.+ Ma no mforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkɔsi Yehowa, Israel Nyankopɔn, fie a na ɛwɔ Yerusalem no.+ Ɔno ne nokorɛ Nyankopɔn no.+
47 Na Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Ampa ara, mo Nyankopɔn no yɛ anyame mu Nyame+ ne ahemfo Wura+ ne Deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, ɛfiri sɛ woatumi ayi ahuntasɛm yi adi.”+
34 “Na nna no baa awieeɛ no,+ me, Nebukadnesar, memaa m’ani so hwɛɛ ɔsoro,+ na m’adwene san baeɛ, na mehyiraa Ɔsorosoroni no,+ na mekamfoo Deɛ ɔte ase daa no yii no ayɛ,+ ɛfiri sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
26 Mahyɛ mmara+ sɛ m’ahennie a medi so tumi nyinaa mu no, obiara ho mpopo na ɔnsuro Daniel Nyankopɔn no,+ ɛfiri sɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ a ɔwɔ hɔ daa,+ na n’ahennie+ yɛ deɛ ɛnsɛe da,+ na ne tumi bɛtena hɔ akɔsi daa.+