Daniel
6 Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam asoafoɔ ɔha aduonu bɛsisi ahennie no so, sɛ wɔnni ahennie no nyinaa so,+ 2 na ɔde ahemfie mpanimfoɔ mmiɛnsa sisii wɔn so na amantam asoafoɔ+ no abu akonta akyerɛ wɔn, na ɔhene anhwere adeɛ;+ ná Daniel yɛ mmiɛnsa no mu baako.+ 3 Ná Daniel yi da nso+ ahemfie mpanimfoɔ ne amantam asoafoɔ no mu, ɛfiri sɛ na honhom a ɛkyɛn soɔ wɔ ne mu,+ na ɔhene yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma ne so ahennie no nyinaa mu.
4 Ɛnna ahemfie mpanimfoɔ ne amantam asoafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm bi, ahennie no fam,+ nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, ɛfiri sɛ na ɔdi nokorɛ na ɔmfa n’adwuma nni agorɔ na bɔne biara nni ne ho.+ 5 Enti mmarima no kaa sɛ: “Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara; yɛbɛnya no a, gye sɛ ne Nyankopɔn mmara ho.”+
6 Ɛnna ahemfie mpanimfoɔ yi ne amantam asoafoɔ no boaboaa wɔn ano kɔtoaa ɔhene+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔhene Dario, nya nkwa daa.+ 7 Ahennie yi mu ahemfie mpanimfoɔ, atitire, amantam asoafoɔ, ɔhene agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔbɛhyɛ mmara+ ɔhene din mu na wɔaka no dendeenden sɛ obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ adaduasa yi, gye wo, ɔhene hɔ no, wɔbɛto no atwene agyata amena mu.+ 8 Enti ɔhene, ma mmara no ntim, na fa wo nsa hyɛ deɛ wɔatwerɛ no ase+ na ansesa, sɛdeɛ Media ne Persia mmara+ a wɔnnane ani+ no teɛ.”
9 Yei nti ɔhene Dario de ne nsa hyɛɛ mmara ne ahyɛdeɛ+ no ase.
10 Berɛ a Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ ne fie; nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem+ no abuebue, na ɔkotoo ne nkotodwe anim mprɛnsa da koro,+ na ɔbɔɔ mpaeɛ+ daa ase, ne Nyankopɔn anim+ sɛdeɛ na ɔyɛ kane no ara.+ 11 Na mmarima yi bɛtoaa Daniel na wɔhunuu no sɛ ɔrebisa adeɛ, na ɔrekoto srɛ ne Nyankopɔn.+
12 Ɛnna wɔtwe bɛn bɛkaa ɔhene mmara no ho asɛm kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Womfaa wo nsa nhyɛɛ mmara ase sɛ obiara a ɔbɛbisa onyame anaa onipa biara hɔ adeɛ bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene hɔ no, wɔbɛto no atwene agyata amena mu anaa?”+ Ɔhene buaa sɛ: “Asɛm no atim sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani+ no teɛ.” 13 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Daniel+ a ɔfiri Yuda atukɔfoɔ+ mu no mmu wo, ɔhene, ne mmara a wode wo nsa ahyɛ aseɛ no, na ɔbɔ mpaeɛ mprɛnsa da koro.”+ 14 Berɛ a ɔhene tee asɛm no, ɛyɛɛ no ya kɛse,+ na ɔbɔɔ ne tirim Daniel ho sɛ ɔbɛgye no;+ ɔbɔɔ mmɔden ara kɔsii awiatɔ berɛ sɛ ɔbɛgye no. 15 Afei mmarima no boaboaa wɔn ano bɛtoaa ɔhene, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔhene, kae sɛ ɛyɛ Media ne Persia mmara sɛ mmara ne ahyɛdeɛ+ biara a ɔhene ahyɛ no, wɔntumi nsesa no.”+
16 Enti ɔhene hyɛ maa wɔkɔfaa Daniel baeɛ, na wɔtoo no twenee agyata amena mu.+ Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Wo Nyankopɔn a wosom no daa no, ɔno na ɔbɛgye woɔ.”+ 17 Na wɔde boɔ bi ba bɛtoo amena no ano, na ɔhene de ne pɛtea, ne n’aberempɔn mpɛtea sɔɔ ano sɛdeɛ wɔrensẽsa Daniel ho asɛm biara.+
18 Na ɔhene kɔɔ n’ahemfie, na ɔdii abuada+ anadwo no, na wamma wɔamfa nnwontoɔ nneɛma biara amma n’anim, na ne nna tetee n’ani so.+ 19 Ɛnna ɔhene sɔree ahemadakye, na animu reteteɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano. 20 Berɛ a ɔbɛn amena no ano no, ɔde awerɛhoɔ nne teaam frɛɛ Daniel. Ɔhene teaam bisaa Daniel sɛ: “Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa+ no atumi agye wo afiri agyata no nsam anaa?”+ 21 Ntɛm ara na Daniel ne ɔhene kasaa sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa. 22 Me Nyankopɔn+ asoma ne bɔfoɔ+ ama wabɛmuamua agyata no ano,+ na wɔanyɛ me hwee,+ ɛfiri sɛ wahu me sɛ medi bem n’anim, na wo, ɔhene anim nso, menyɛɛ bɔne bi.”+
23 Ɛnna ɔhene ani gyee kɛse,+ na ɔkaa sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu. Berɛ a wɔyii Daniel firii amena no mu baeɛ no, wɔanhunu sɛ ne ho atĩ ketewa bi mpo ɛfiri sɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.+
24 Na ɔhene hyɛ maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no ba+ bɛtoo wɔn guu agyata amena no mu,+ wɔne wɔn mma ne wɔn yerenom.+ Wɔnnya nnuruu amena no ase no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.+
25 Ɛnna Dario twerɛ kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ a wɔtete asase nyinaa soɔ nyinaa sɛ:+ “Mo asomdwoeɛ nnɔɔso pii!+ 26 Mahyɛ mmara+ sɛ m’ahennie a medi so tumi nyinaa mu no, obiara ho mpopo na ɔnsuro Daniel Nyankopɔn no,+ ɛfiri sɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ a ɔwɔ hɔ daa,+ na n’ahennie+ yɛ deɛ ɛnsɛe da,+ na ne tumi bɛtena hɔ akɔsi daa.+ 27 Ɔno na ɔyi na ɔgye ne nkurɔfoɔ+ na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ɔsoro+ ne asase soɔ;+ ɔno na ɔgyee Daniel firii agyata nsam.”
28 Na ɛsii Daniel yi yie wɔ Dario+ ahennie ase ne Persiani Kores ahennie ase.+