22 Persia hene+ Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm+ a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores honhom,+ na ɔmaa wɔbɔɔ dawuro n’ahennie mu nyinaa, na wɔtwerɛɛ+ nso sɛ:
1Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan+ Persia hene Kores honhom, na ɔmaa wɔbɔɔ dawuro+ n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛɛ+ nso sɛ:
28 Me na meka Kores ho asɛm+ sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ, na deɛ ɛsɔ m’ani biara ɔbɛyɛ,’+ ne deɛ maka afa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,’ ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+