2 Berɛsosɛm 16:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yehowa deɛ, n’ani+ kyini asase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bɛdi ama wɔn a wɔn akoma+ di mu wɔ ne ho. Asɛm yi mu deɛ, woadi nkwaseasɛm,+ na ɛfiri nnɛ rekorɔ, akodie bɛba wo so.”+ Dwom 32:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Wokaa sɛ: “Mɛma woanya nhunumu na makyerɛ wo ɛkwan a fa soɔ.+M’ani bɛba wo so na matu wo fo.+ Dwom 33:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Hwɛ! Yehowa ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so;+Ɛwɔ wɔn a wɔhwɛ n’adɔeɛ kwan no so,+ Dwom 34:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Yehowa ani wɔ ateneneefoɔ so,+Na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.+ 1 Petro 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na Yehowa ani+ wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+
9 Yehowa deɛ, n’ani+ kyini asase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bɛdi ama wɔn a wɔn akoma+ di mu wɔ ne ho. Asɛm yi mu deɛ, woadi nkwaseasɛm,+ na ɛfiri nnɛ rekorɔ, akodie bɛba wo so.”+
12 Na Yehowa ani+ wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+