Exodus 12:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “Bosome yi bɛyɛ abosome no nyinaa mfitiaseɛ. Ɛbɛyɛ afe no mu bosome a ɛdi kan ama mo.+ Leviticus 23:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan+ no anwummerɛ yɛ Yehowa twam+ afahyɛ. Deuteronomium 16:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “Kae bosome Abib+ na di twam ma Yehowa wo Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ bosome Abib mu na Yehowa wo Nyankopɔn yii wo firii Egypt anadwo.+ Ester 3:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔhene Ahasweros afe a ɛtɔ so dumienu,+ bosome a ɛdi kan,+ Nisan mu no, obi bɔɔ Pur,+ anaa ntonto,+ wɔ Haman anim da biara ne bosome biara kɔsii bosome a ɛtɔ so dumienu, a ɛyɛ bosome Adar+ so.
16 “Kae bosome Abib+ na di twam ma Yehowa wo Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ bosome Abib mu na Yehowa wo Nyankopɔn yii wo firii Egypt anadwo.+
7 Ɔhene Ahasweros afe a ɛtɔ so dumienu,+ bosome a ɛdi kan,+ Nisan mu no, obi bɔɔ Pur,+ anaa ntonto,+ wɔ Haman anim da biara ne bosome biara kɔsii bosome a ɛtɔ so dumienu, a ɛyɛ bosome Adar+ so.