Esra 9:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wɔawareware wɔn mma mmaa, na wɔawareware bi nso ama wɔn mma mmarima,+ na asefoɔ kronkron+ no nso, wɔde wɔn ho akɔfra+ nsase no so nnipa mu, na wɔn mu mpanimfoɔ ne asoafoɔ no na wɔdi mmarato yi mu kan.”+ Dwom 38:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Me mfomsoɔ aboro me tiri so;+Ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduro.+ Dwom 106:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Yɛayɛ bɔne sɛ yɛn agyanom ara;+Yɛafom; yɛadi amumuyɔsɛm.+ Yesaia 1:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Yehowa asɛm nie: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yie.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na sɛ ayɛ kɔɔ te sɛ kɔbene mpo a, ɛbɛyɛ sɛ odwan nwi. Yesaia 59:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Yɛn atuateɛ abu so wɔ w’anim;+ na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn.+ Yɛn atuateɛ da yɛn anim, na yɛnim yɛn amumuyɔ.+
2 Wɔawareware wɔn mma mmaa, na wɔawareware bi nso ama wɔn mma mmarima,+ na asefoɔ kronkron+ no nso, wɔde wɔn ho akɔfra+ nsase no so nnipa mu, na wɔn mu mpanimfoɔ ne asoafoɔ no na wɔdi mmarato yi mu kan.”+
18 Yehowa asɛm nie: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yie.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na sɛ ayɛ kɔɔ te sɛ kɔbene mpo a, ɛbɛyɛ sɛ odwan nwi.
12 Yɛn atuateɛ abu so wɔ w’anim;+ na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn.+ Yɛn atuateɛ da yɛn anim, na yɛnim yɛn amumuyɔ.+