Leviticus 26:40 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 40 Afei wɔbɛka wɔn ara wɔn bɔne+ ne wɔn agyanom bɔne ne wɔn amumuyɔsɛm, sɛdeɛ wɔne me dii asie+ no. Yosua 7:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Afei Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: “Me ba, hyɛ Israel Nyankopɔn Yehowa animuonyam+ na ka wo bɔne kyerɛ no.+ Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Ka kyerɛ me,+ mfa hwee nsie.”+ Dwom 32:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomsoɔ so+ bio.Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ firii me.+ Sela. Mmebusɛm 28:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɛrensi no yie,+ na deɛ ɔka na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+
19 Afei Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: “Me ba, hyɛ Israel Nyankopɔn Yehowa animuonyam+ na ka wo bɔne kyerɛ no.+ Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Ka kyerɛ me,+ mfa hwee nsie.”+
5 Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomsoɔ so+ bio.Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ firii me.+ Sela.