Yeremia 31:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Berɛ a mesan m’akyi no, ɛyɛɛ me ya,+ na berɛ a wɔmaa mehunuiɛ no, mebɔɔ me srɛ ho.+ Mefɛreeɛ, na m’ani wuiɛ,+ ɛfiri sɛ mesoaa me mmeranteberɛ mu ahohora.’”+ Hesekiel 36:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛntene nyinaa.+ Na mo bɔne ne mo akyiwadeɛ nti, mo ara mo ho bɛyɛ mo abofono.+
19 Berɛ a mesan m’akyi no, ɛyɛɛ me ya,+ na berɛ a wɔmaa mehunuiɛ no, mebɔɔ me srɛ ho.+ Mefɛreeɛ, na m’ani wuiɛ,+ ɛfiri sɛ mesoaa me mmeranteberɛ mu ahohora.’”+
31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛntene nyinaa.+ Na mo bɔne ne mo akyiwadeɛ nti, mo ara mo ho bɛyɛ mo abofono.+