13 (Ná Solomon ayɛ kɔbere pampa+ bi de asi fie no adihɔ,+ mfimfini. Ne ntwemu yɛ basafa nnum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, na ne tenten yɛ basafa mmiɛnsa; ɛso na ɔkɔgyinaeɛ.) Afei ɔbuu nkotodwe+ Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kyerɛɛ soro.+