19 Ntoboa kronkron a Israelfoɔ de bɛbrɛ+ Yehowa nyinaa mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa sɛ mo kyɛfa daa.+ Ɛyɛ nkyene apam ma wo ne w’asefoɔ wɔ Yehowa anim daa.”+
6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyeɛ afɔdeɛ+ ne mmoa a mobɛku wɔn abɔ afɔdeɛ foforɔ ne mo nneɛma nkyɛmu du mu baako,+ ne mo ntoboa+ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ,+ ne afɔdeɛ a mofiri mo pɛ mu bɔ,+ ne mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan+ nyinaa nkorɔ.