21 Na sɛ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bɛdua+ no ware ma wo a, ɛnneɛ berɛ biara a wo kra kɔn dɔ nam no, wobɛtumi akum anantwie anaa nnwan a Yehowa de ama woɔ no bi awe no wo kurom, sɛdeɛ meka kyerɛɛ woɔ no.+
26 Woduru hɔ a, fa sika no tɔ biribiara a wo kra kɔn dɔ:+ nantwie, odwan, abirekyie, bobesa anaa mmosã+ foforɔ biara. Biribiara a wo kra bɛbisa no, fa bra bɛdi no Yehowa wo Nyankopɔn anim, na wo ne wo fiefoɔ nyinaa ani nnye.+