-
Deuteronomium 14:4-20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Mmoa a mobɛtumi awe nie:+ nantwie, odwan, apɔnkye, 5 wansane, ɔtwe, ɔkwaduo, eyuo, adowa, wuram dwan, ne bepɔ so dwan. 6 Mobɛtumi awe aboa biara a ne nan mu apae mmienu na ɔpu wesa. 7 Mmoa a wɔpu wesa anaa wɔn nan mu apae a ɛnsɛ sɛ mowe nie: yoma, adanko, ne nkukuban, ɛfiri sɛ wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn nan mu mpaee mmienu. Wɔn ho nte mma mo.+ 8 Bio nso, monnwe prako, ɛfiri sɛ ne nan mu apae mmienu deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ne ho nte mma mo. Monnwe wɔn nam, na monnsɔ wɔn afunu mu.
9 “Nsuo mu mmoa a mobɛtumi awe nie: Aboa biara a ntɛtɛ ne abena wɔ ne ho deɛ, mobɛtumi awe.+ 10 Deɛ ɔnni ntɛtɛ anaa abena deɛ, monnwe. Ne ho nte mma mo.
11 “Mobɛtumi awe anomaa biara a ne ho teɛ. 12 Nanso weinom deɛ, monnwe: ɔkɔdeɛ, ɔkorɔbia, pɛtɛ tuntum,+ 13 ɔkompɛtɛ, ɔkom, asansa ahodoɔ nyinaa bi, 14 kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa bi, 15 sohori, patuo, asomfena, nkorɔma ahodoɔ nyinaa bi, 16 patuo ketewa, patuo asotenten, suborɔkokɔ, 17 nsuo so dabodabo, pɛtɛ, ɛpo so anene, 18 asukɔnkɔn, nsunoma ahodoɔ nyinaa bi, asɔkwaa, ne apan. 19 Afei nso, mmoa nketenkete* a wɔtu biara ho nte mma mo. Monnwe. 20 Mobɛtumi awe mmoa a wɔtu a wɔn ho te nyinaa.
-