Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 18:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Na berɛ biara a ɛho bɛhia no, wɔmmu nkurɔfoɔ no atɛn, nanso asɛm a emu yɛ duro bi sɔre a, wɔmfa mmrɛ wo;+ na nsɛm nketenkete deɛ, wɔn ara wɔnni. Enti ma wɔmmoa wo na adwuma no nyɛ mmerɛ mma wo.+

  • Deuteronomium 16:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 “Sisi atemmufoɔ+ ne mpanimfoɔ+ wɔ nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuo biara no apono ano, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no atɛn.

  • Deuteronomium 25:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 “Sɛ asɛm bi si mmarima mmienu ntam+ na wɔde ba atemmufoɔ+ anim a, wɔmmu wɔn atɛn; wɔmmu deɛ n’asɛm yɛ dɛ no bem na wɔmmu deɛ n’asɛm nyɛ dɛ no fɔ.+

  • 1 Samuel 2:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Sɛ onipa yɛ onipa bɔne+ a, Onyankopɔn bɛsiesie ama no,+ na sɛ onipa yɛ Yehowa bɔne+ deɛ a, hwan na ɔbɛsiesie ama no?”+ Nanso wɔantie wɔn papa nne,+ ɛfiri sɛ afei deɛ na Yehowa pɛ sɛ ɔkunkum wɔn.+

  • 2 Berɛsosɛm 19:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Asɛm biara a mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu de bɛba mo anim, deɛ ɛfa mogyahwieguo+ anaa mmara+ ne mmara nsɛm+ ne ahyɛdeɛ+ ne atemmusɛm+ ho no, monkasa nkyerɛ wɔn na wɔanyɛ Yehowa bɔne, na abufuo+ amma mo ne mo nuanom so. Yei na monyɛ na asodie amma mo so.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane