Leviticus 19:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 “‘Mommfa mogya nnka biribiara ho nnni.+ “‘Monnhwehwɛ hyɛberɛ ho sɛnkyerɛnne,+ na monnni asumansɛm.+ Leviticus 20:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 “‘Ɔkra biara a ɔbɛfiri m’akyi ne adebisafoɔ+ anaa asumanfoɔ+ akɔbɔ adwaman no, mɛma m’ani asã ɔkra a ɔte saa no na matwa no afiri ne man mu.+ Deuteronomium 18:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusudeɛ yi bi tena mo mu: obi a ɔma ne babarima anaa ne babaa fa gya mu,+ deɛ ɔhyɛ abosonkɔm+ anaa ɔyi nkonyaa,+ deɛ ɔhwehwɛ hyɛberɛ ho sɛnkyerɛnne+ anaa ɔdi asumansɛm,+ 1 Samuel 28:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ná Samuel awu, na Israel nyinaa asũ no ama wɔasie no ne kurom Rama.+ Ná Saul nso atu akɔmfoɔ ne asumanfoɔ afiri asase no so.+ Galatifoɔ 5:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 abosonsom, ahonhonsɛmdie,+ nitan, ntawantawadie, ahoɔyaa, bobɔne, mansotwe, mpaepaemu, fekusɛm, Adiyisɛm 22:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na kuro no akyi na nkraman+ ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm+ ne adwamammɔfoɔ+ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi atorɔ+ nyinaa wɔ.’
26 “‘Mommfa mogya nnka biribiara ho nnni.+ “‘Monnhwehwɛ hyɛberɛ ho sɛnkyerɛnne,+ na monnni asumansɛm.+
6 “‘Ɔkra biara a ɔbɛfiri m’akyi ne adebisafoɔ+ anaa asumanfoɔ+ akɔbɔ adwaman no, mɛma m’ani asã ɔkra a ɔte saa no na matwa no afiri ne man mu.+
10 Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusudeɛ yi bi tena mo mu: obi a ɔma ne babarima anaa ne babaa fa gya mu,+ deɛ ɔhyɛ abosonkɔm+ anaa ɔyi nkonyaa,+ deɛ ɔhwehwɛ hyɛberɛ ho sɛnkyerɛnne+ anaa ɔdi asumansɛm,+
3 Ná Samuel awu, na Israel nyinaa asũ no ama wɔasie no ne kurom Rama.+ Ná Saul nso atu akɔmfoɔ ne asumanfoɔ afiri asase no so.+
15 Na kuro no akyi na nkraman+ ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm+ ne adwamammɔfoɔ+ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi atorɔ+ nyinaa wɔ.’