9 Berɛ biara a wɔbɛbɔ obi soboɔ sɛ wafa obi adeɛ no, ɛyɛ nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, ataadeɛ oo, biribiara a ayera a obi bɛhu aka sɛ, ‘Ɛyɛ me dea’ no, wɔmfa wɔn mmienu asɛm no mmra nokorɛ Nyankopɔn no anim.+ Deɛ Onyankopɔn bɛka sɛ ɔdi fɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ho mmienu hyɛ ne yɔnko no anan.+