Exodus
21 “Atemmusɛm yi na wode bɛto wɔn anim:+
2 “Sɛ wotɔ Hebrini sɛ akoa+ a, ɔbɛsom mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no ɔbɛfa ne ho adi koraa.+ 3 Sɛ ɔno nko ara na ɔbaeɛ a, ɔno nko ara na ɔbɛkorɔ. Na sɛ ɔwɔ yere a, ne yere ne no bɛkɔ. 4 Nanso sɛ ne wura ama no yere na ɔne no wɔ mma mmarima anaa mma mmaa a, ɛnneɛ ne wura no bɛgye ɔbaa no ne mmɔfra no+ ama ɔno nko ara akɔ.+ 5 Na sɛ akoa no ka sɛ, ‘Medɔ me wura ne me yere ne me mma, mempɛ ahofadie biara’+ a, 6 ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra nokorɛ Nyankopɔn anim na ɔmfa no ntwere ɛpono anaa aponnwa ho. Afei ne wura no mfa fitiiɛ mmɔ n’asom tokuro mma no nyɛ n’akoa afebɔɔ.+
7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa sɛ afenaa+ a, ɔremfiri ne wura no nkyɛn nkɔ sɛdeɛ mmarima korɔ no. 8 Sɛ ne wura no ani nnye ne ho na ɔmpɛ sɛ ɔware+ no na ɔpɛ sɛ obi san tɔ no kɔ a, ɔnni ho kwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani, ɛfiri sɛ wadaadaa ɔbaa no. 9 Na sɛ ɔde no ma ne babarima a, ɔne no nni no sɛ ɔbabaa.+ 10 Sɛ ɔware ɔbaa foforɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔte n’aduane ne ne ntoma+ soɔ. Afei ɔmma no deɛ ɛsɛ wɔ awareɛ mu.+ 11 Na sɛ wamma no nneɛma mmiɛnsa yi a, ɛnneɛ ɔbaa no bɛfa ne ho adi a ɔntua hwee.
12 “Sɛ obi bɔ obi ma no wu a, wɔnku ɔno nso.+ 13 Nanso sɛ wanhyɛ da na nokorɛ Nyankopɔn no na ɔmaa kwan maa ne nsa paeɛ+ a, mɛma wo baabi a ɔbɛdwane akorɔ.+ 14 Sɛ obi bo fu ne yɔnko na ɔhyɛ da fa nyansakwan bi so ku no+ a, sɛ ɔwɔ m’afɔrebukyia ho mpo a, twe no kɔku no.+ 15 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne papa anaa ne maame no, wɔnku no.+
16 “Sɛ obi kye nipa bi sie+ kɔtɔn no+ anaasɛ wɔhu no obi nsam a, wɔnku no.+
17 “Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame no, wɔnku no.+
18 “Sɛ mmarima reko na baako de boɔ anaa asɔ bɔ ne yɔnko no na wanwu, na ɛka no to mpa so a, 19 sɛ akyire yi ɔtumi sɔre de poma nante firi adi a, ɛnneɛ deɛ ɔpiraa no no bɛfa ne ho adi. Berɛ a wanyɛ adwuma no nko ara ho mpata na ɔbɛtua akɔsi sɛ ɔbɛhwɛ ama ne ho atɔ no.
20 “Sɛ obi de abaa bɔ+ n’akoa anaa n’afenaa ma no wu ne nsam a, ɛkwan biara so wɔntwe n’aso.+ 21 Nanso sɛ da koro anaa nnanu pa ne tiri so a, wɔrentwe n’aso, ɛfiri sɛ ɔyɛ ne sika.
22 “Na sɛ mmarima bi reko na wɔkɔpem ɔpemfoɔ ma abɔfra+ no firi ba nanso asɛm bɔne* biara ansi a, ɛsɛ sɛ wɔgye no mpata biara a ɔbaa no kunu bɛbisa. Na ɔntua mfa badwafoɔ no so.+ 23 Nanso sɛ asɛm bɔne bi si a, ɛnneɛ ɔkra nsi ɔkra ananmu,+ 24 ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu,+ 25 etwã nsi etwã ananmu, ekuro nsi ekuro ananmu, ɛhweɛ nsi ɛhweɛ ananmu.+
26 “Sɛ obi bɔ n’akoa anaa n’afenaa ani so ma n’ani bɔ a, n’ani no nti ɔnnyaa no mma no nkɔ.+ 27 Na sɛ ɔbɔ n’akoa anaa n’afenaa ma ne se tu a, ne se no nti ɔnnyaa no mma no nkɔ.
28 “Sɛ nantwie bi pem ɔbarima anaa ɔbaa ma no wu a, wɔnsi nantwie no aboɔ+ nku no, na ɛnsɛ sɛ wɔwe ne nam. Ne wura no deɛ, ne ho bɛyɛ sɔnn. 29 Nanso sɛ nantwie bi taa pempem na wɔaka akyerɛ ne wura, nanso wammantam no, na ɔkɔkum ɔbarima anaa ɔbaa bi a, wɔnsi nantwie no aboɔ na wɔnku ne wura no nso. 30 Na sɛ wɔka sɛ ɔntua agyedeɛ bi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɛgye no no, ɔntua mfa mpata mma ne kra.+ 31 Sɛ ɔpem ɔbabarima oo, ɔbabaa oo, wɔne no nni no sɛdeɛ atemmusɛm yi kyerɛ.+ 32 Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, ɔbɛtua nnwetɛbena aduasa+ ama akoa no wura no, na wɔbɛsi nantwie no aboɔ.
33 “Sɛ obi bue amena bi so anaa ɔtu amena na wankata so, na nantwie anaa afunumu bi kɔtɔ mu+ a, 34 amena no wura no ntua nantwie no ka+ mma ne wura, na ɔmfa aboa a wawuo no. 35 Na sɛ obi nantwie kɔpem onipa foforɔ nantwie ma no wu a, wɔntɔn deɛ ɔnwuiɛ no na wɔnkyɛ sika no; afei wɔnkyɛ deɛ wawuo no nso mu.+ 36 Nanso sɛ nantwie no wura nim sɛ ɔtaa pempem na wammantam+ no a, ɔmfa nantwie nsi nantwie no ananmu,+ na ɔmfa deɛ wawuo no.