Genesis 9:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Obiara a ɔka onipa mogya guo no, onipa so na wɔnam bɛka ne mogya aguo,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. Numeri 35:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 “‘Sɛ obi bɔ ɔkra bi ma no wu a, adansefoɔ anom asɛm so+ na wɔnnyina nku no sɛ wudini.+ Ɛnsɛ sɛ wɔgyina onipa baako adanseɛ so kum ɔkra bi. Mateo 5:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 “Motee sɛ wɔka kyerɛɛ tetefoɔ no sɛ, ‘Nni awu;+ obiara a ɔdi awuo+ no bɛdi fɔ wɔ asɛnniiɛ.’+
6 Obiara a ɔka onipa mogya guo no, onipa so na wɔnam bɛka ne mogya aguo,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.
30 “‘Sɛ obi bɔ ɔkra bi ma no wu a, adansefoɔ anom asɛm so+ na wɔnnyina nku no sɛ wudini.+ Ɛnsɛ sɛ wɔgyina onipa baako adanseɛ so kum ɔkra bi.