29 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Solomon sɛ: “Yoab adwane kɔ Yehowa ntomadan no mu, na ɔwɔ afɔrebukyia no ho.” Enti Solomon somaa Yehoiada ba Benaia, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, kɔto hyɛ ne so ku no!”+
15 Ɛnna ɔsɔfoɔ Yehoiada frɛɛ ɔha ha so mpanimfoɔ ne asraafoɔ so mpanimfoɔ+ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwe no mfiri nnipa no mu, na obiara a ɔbɛdi n’akyi no, momfa nkrantɛ nku no!”+ Ná ɔsɔfoɔ no aka sɛ: “Monnku no Yehowa fie.”