Exodus 22:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 “Nteetee ɔhɔhoɔ na nhyɛ ne so,+ ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Egypt asaase so.+ Deuteronomium 10:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɔbu atɛntenenee ma nnyanka ne akunafoɔ,+ na ɔwɔ ɔdɔ ma ahɔhoɔ,+ na ɔma wɔn aduane ne deɛ wɔbɛhyɛ. Yakobo 1:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Ɔsom* a ɛho teɛ na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafoɔ+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.+
27 Ɔsom* a ɛho teɛ na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafoɔ+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.+