23 Afei fa w’ayuo ne wo nsã foforɔ ne wo ngo nkyɛmu du mu baako, ne w’anantwie ne wo nnwan mu mmakan bra baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bɛdua no.+ Fa bra bɛdi no n’anim na ama woasua sɛ wobɛsuro Yehowa wo Nyankopɔn daa.+
11 Wo ne wɔn a wɔwɔ wo nkyɛn nyinaa ani nnye Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ Wo ne wo babarima ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa, Lewini a ɔwɔ wo kurom ne ɔhɔhoɔ,+ agyanka+ ne okunafoɔ+ nyinaa ani nnye baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bɛdua no.+