Dwom 5:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Me deɛ, w’adɔeɛ+ dodoɔ muNa mɛba wo fie,+Na wo suro mu na mɛkoto de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no.+ Dwom 19:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yehowa suro+ ho te, ɛwɔ hɔ daa.Yehowa atemmusɛm+ yɛ nokorɛ;+ ne nyinaa tene.+ Dwom 111:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yehowa suro ne nyansa mfitiaseɛ.+ ש [Sin]Wɔn a wɔdi n’ahyɛdeɛ soɔ nyinaa nya ntease pa.+ ת [Taw]N’ayeyie tim hɔ daa.+ Mmebusɛm 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomasoɔ ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ deɛ, mekyiri. Yesaia 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Asafo Yehowa, ɔno na mommu no kronkron,+ ɔno na monsuro no,+ ɔno na mo ho mpopo wɔ n’anim.”+ Hebrifoɔ 12:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Enti ɛsiane sɛ yɛbɛnya ahennie a wɔntumi nwosoɔ+ no nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yɛbɛtumi de asom Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ wɔ nyamesuro ne ahopopoɔ+ mu.
7 Me deɛ, w’adɔeɛ+ dodoɔ muNa mɛba wo fie,+Na wo suro mu na mɛkoto de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no.+
10 Yehowa suro ne nyansa mfitiaseɛ.+ ש [Sin]Wɔn a wɔdi n’ahyɛdeɛ soɔ nyinaa nya ntease pa.+ ת [Taw]N’ayeyie tim hɔ daa.+
28 Enti ɛsiane sɛ yɛbɛnya ahennie a wɔntumi nwosoɔ+ no nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yɛbɛtumi de asom Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ wɔ nyamesuro ne ahopopoɔ+ mu.