6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyeɛ afɔdeɛ+ ne mmoa a mobɛku wɔn abɔ afɔdeɛ foforɔ ne mo nneɛma nkyɛmu du mu baako,+ ne mo ntoboa+ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ,+ ne afɔdeɛ a mofiri mo pɛ mu bɔ,+ ne mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan+ nyinaa nkorɔ.
17 Yeinom ne deɛ wontumi nni bie wɔ wo kurom: W’ayuo anaa wo nsã foforɔ anaa wo ngo mu nkyɛmu du mu baako,+ anaa w’anantwie ne wo nnwan mu mmakan,+ anaa wo bɔhyɛ afɔdeɛ, anaa afɔdeɛ a wofiri wo pɛ mu bɔ,+ anaa wo ntoboa.+
19 “Hyira wo nnwan ne w’anantwie mmakan a wɔyɛ anini no so ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Mfa wo nantwie abakan nyɛ adwuma na ntwitwa wo dwan abakan ho nwi.+