11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfoɔ sisii wɔn so sɛ wɔmfa adwumaden nhyɛ wɔn so;+ na wɔkyekyeree nkuro a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkuro no ne Pitom ne Raamse.+
9 Berɛ a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.+ Na ɔno ara ne bɔfoɔ gyee wɔn.+ Ne dɔ ne n’ahummɔborɔ nti ɔgyee wɔn,+ na ɔmaa wɔn so turuu wɔn tete nna no nyinaa mu.+
34 Nokorɛm no, mahunu sɛdeɛ wɔredi me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no ani,+ na mate wɔn apinisie+ na masiane sɛ merebɛgye wɔn.+ Afei bra, na mɛsoma wo akɔ Egypt.’+