Exodus
6 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Afei wobɛhunu deɛ mɛyɛ Farao,+ ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama no ama wɔn kwan akɔ, na nsa a ɛyɛ den bɛma no apamo wɔn mpo afiri n’asase so.”+
2 Na Onyankopɔn toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene Yehowa.+ 3 Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn,+ nanso me din Yehowa+ no deɛ, mamma wɔamfa anhu me.+ 4 Na me ne wɔn yɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a wɔkɔsoɛɛ so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn.+ 5 Afei mate Israelfoɔ no apinisie,+ nkoasom a Egyptfoɔ de wɔn aba mu no, na m’apam+ no, mekae.
6 “Enti ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Mene Yehowa, na mɛyi mo afiri Egyptfoɔ nnesoa ase na magye mo afiri wɔn nkoasom mu;+ mede basa a emu atene ne atemmuo kɛseɛ na ɛbɛgye mo.+ 7 Na mede mo bɛyɛ me man,+ na mayɛ mo Nyankopɔn;+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Egypt nkoasom mu+ no. 8 Mede mo bɛba asase a memaa me nsa so kaa ntam+ sɛ mede bɛma Abraham, Isak, ne Yakob no so; na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ.+ Mene Yehowa.’”+
9 Na Mose de nsɛm yi nyinaa too Israelfoɔ no anim, nanso abasamtuo ne nkoasom denden no nti, wɔantie Mose.+
10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11 “Kɔka kyerɛ Egypt hene Farao+ sɛ ɔmma Israelfoɔ no kwan mma wɔmfiri n’asase so nkɔ.”+ 12 Nanso Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, Israelfoɔ no mpo antie me,+ na ɛbɛyɛ dɛn na Farao atie me+ a wɔntwaa m’ano twetia+ yi?” 13 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔmfa n’ahyɛdeɛ nkɔto Israelfoɔ no ne Egypt hene Farao anim, na wɔnyi Israelfoɔ no mfiri Egypt asase so.+
14 Yeinom ne atitire a wɔwɔ wɔn agyanom fie: Israel ba panin+ Ruben mma ne Hanok, Palu, Hesron, ne Karmi.+ Yeinom ne Ruben asefoɔ.+
15 Na Simeon mma ne Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar, ne Saul a ɔne Kanaanni baa woo no+ no. Yeinom ne Simeon asefoɔ.+
16 Lewi+ mma din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ+ nie: Gerson, Kohat, ne Merari.+ Na mfeɛ a Lewi diiɛ nyinaa yɛ ɔha aduasa nson.
17 Gerson mma ne Libni ne Simei,+ sɛdeɛ wɔn mmusua+ teɛ.
18 Kohat mma ne Amram, Yisar, Hebron, ne Usiel.+ Na mfeɛ a Kohat diiɛ nyinaa yɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.
19 Na Merari mma ne Mahli ne Musi.+
Yeinom ne Lewi asefoɔ no mmusua.+
20 Afei Amram waree ne papa nuabaa Yokebed.+ Akyire yi ɔwoo Aaron ne Mose+ maa no. Mfeɛ a Amram diiɛ nyinaa yɛ ɔha aduasa nson.
21 Yisar mma ne Kora+ ne Nefeg ne Sikri.
22 Na Usiel mma ne Misael ne Elisafan ne Sitri.+
23 Afei Aaron waree Aminadab babaa Eliseba a ɔyɛ Naason+ nuabaa. Akyire yi ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasar, ne Itamar+ maa no.
24 Na Kora mma ne Asir ne Elkana ne Abiasaf.+ Yeinom ne Kora asefoɔ.+
25 Afei Aaron ba Eleasar+ waree Putiel babaa. Akyire yi ɔwoo Finehas+ maa no.
Yeinom ne Lewifoɔ agyanom atitire, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+
26 Aaron ne Mose yi na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ “Monhyehyɛ Israelfoɔ sɛ asraafoɔ kuo na monyi wɔn mfiri Egypt asase so” no.+ 27 Wɔn na wɔne Egypt hene Farao kɔkasaa sɛ ɔmma wɔn kwan mma wɔnyi Israelfoɔ no mfiri Egypt no.+ Mose ne Aaron no nie.
28 Afei da a Yehowa ne Mose kasaa Egypt asase soɔ+ no, 29 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene Yehowa.+ Deɛ mɛka akyerɛ woɔ biara, ka kyerɛ Egypt hene Farao.” 30 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, wɔntwaa m’ano twetia, ɛbɛyɛ dɛn na Farao atie me?”+