3 Tena asase yi so sɛ hɔhoɔ,+ na mɛka wo ho na mɛhyira wo, na mede nsase yi nyinaa bɛma wo ne w’asefoɔ,+ na mɛma ntam a mekaa wo papa Abraham no aba mu,+
13 Kae w’akoa Abraham ne Isak ne Israel a wokaa wɔn ntam+ sɛ, ‘Mɛma mo asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma+ na mede asase a mekyerɛɛ mo no nyinaa bɛma mo asefoɔ,+ na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ daa’+ no.”