Exodus 3:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Wɔbɛtie wo.+ Afei wo ne Israel mpanimfoɔ no nkɔ Egypt hene hɔ, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yehowa, Hebrifoɔ+ Nyankopɔn no ne yɛn akasa,+ enti yɛsrɛ wo ma yɛntwa nnansa kwan nkɔ serɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma Yehowa yɛn Nyankopɔn.’+ Exodus 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Nanso wɔtoaa so kaa sɛ: “Hebrifoɔ Nyankopɔn no ne yɛn akasa.+ Enti yɛsrɛ wo, yɛpɛ sɛ yɛtu kwan nnansa kɔ serɛ so kɔbɔ afɔdeɛ ma Yehowa yɛn Nyankopɔn;+ anyɛ saa a, ɔde owuyareɛ anaa nkrantɛ bɛba yɛn so.”+ Exodus 10:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Nanso Mose kaa sɛ: “Ma yɛnnya mmoa a yɛbɛkum abɔ afɔdeɛ ne deɛ yɛde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nso na yɛde akɔbɔ afɔdeɛ ama Yehowa yɛn Nyankopɔn.+
18 “Wɔbɛtie wo.+ Afei wo ne Israel mpanimfoɔ no nkɔ Egypt hene hɔ, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yehowa, Hebrifoɔ+ Nyankopɔn no ne yɛn akasa,+ enti yɛsrɛ wo ma yɛntwa nnansa kwan nkɔ serɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma Yehowa yɛn Nyankopɔn.’+
3 Nanso wɔtoaa so kaa sɛ: “Hebrifoɔ Nyankopɔn no ne yɛn akasa.+ Enti yɛsrɛ wo, yɛpɛ sɛ yɛtu kwan nnansa kɔ serɛ so kɔbɔ afɔdeɛ ma Yehowa yɛn Nyankopɔn;+ anyɛ saa a, ɔde owuyareɛ anaa nkrantɛ bɛba yɛn so.”+
25 Nanso Mose kaa sɛ: “Ma yɛnnya mmoa a yɛbɛkum abɔ afɔdeɛ ne deɛ yɛde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nso na yɛde akɔbɔ afɔdeɛ ama Yehowa yɛn Nyankopɔn.+