Exodus 17:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɛnna Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ ɔman yi? Aka kakraa bi na wɔasi me aboɔ!”+ Yeremia 12:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 O Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wobu atɛn wɔ tenenee mu.+ Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wodi ma me. Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie+ na nkontompofoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?
12 O Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wobu atɛn wɔ tenenee mu.+ Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wodi ma me. Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie+ na nkontompofoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?