Exodus 2:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ná ɔsɔfoɔ a ɔwɔ Midian+ no wɔ mma mmaa nson, na wɔbaa sɛ wɔrebɛsa nsuo de akɔgu adeɛ mu ama wɔn papa nnwan anom. Exodus 2:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Berɛ a wɔkɔɔ wɔn papa Reuel*+ nkyɛn wɔ fie no, ɔteaam sɛ: “Ɛnnɛ deɛ ɛyɛɛ dɛn na moaba fie ntɛm saa?” Exodus 3:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Mose bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, na na ɔhwɛ n’asebarima Yetro+ a ɔyɛ Midian sɔfoɔ no nnwan. Da bi a ɔde nnwan no rekɔ serɛ no atɔeɛ fam no, ɔkɔpuee nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ Horeb+ ho. Exodus 18:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na Mose asebarima Yetro a ɔyɛ Midian sɔfoɔ+ no tee deɛ Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel ne sɛdeɛ Yehowa yii Israel firii Egypt no nyinaa.+ Exodus 18:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Enti Mose ase Yetro, ne Mose yere, ne ne mma no baa Mose nkyɛn wɔ serɛ no so, nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ no ho.+
16 Ná ɔsɔfoɔ a ɔwɔ Midian+ no wɔ mma mmaa nson, na wɔbaa sɛ wɔrebɛsa nsuo de akɔgu adeɛ mu ama wɔn papa nnwan anom.
18 Berɛ a wɔkɔɔ wɔn papa Reuel*+ nkyɛn wɔ fie no, ɔteaam sɛ: “Ɛnnɛ deɛ ɛyɛɛ dɛn na moaba fie ntɛm saa?”
3 Mose bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, na na ɔhwɛ n’asebarima Yetro+ a ɔyɛ Midian sɔfoɔ no nnwan. Da bi a ɔde nnwan no rekɔ serɛ no atɔeɛ fam no, ɔkɔpuee nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ Horeb+ ho.
18 Na Mose asebarima Yetro a ɔyɛ Midian sɔfoɔ+ no tee deɛ Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel ne sɛdeɛ Yehowa yii Israel firii Egypt no nyinaa.+
5 Enti Mose ase Yetro, ne Mose yere, ne ne mma no baa Mose nkyɛn wɔ serɛ no so, nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ no ho.+