Exodus
17 Israel asafo nyinaa tu firii Sin serɛ no so.+ Sɛ wɔtu firi ha a, na wɔkɔ baabi foforɔ sɛdeɛ Yehowa bɛka sɛ wɔnyɛ no,+ na akyire yi wɔkɔsoɛɛ Refidim.+ Nanso na nsuo nni hɔ a ɔman no bɛnom.
2 Enti ɔman no ne Mose hameeɛ,+ na wɔkaa sɛ: “Ma yɛn nsuo nnom.” Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo ne me reham? Adɛn nti na mokɔ so sɔ Yehowa hwɛ?”+ 3 Ná sukɔm de nkurɔfoɔ no wɔ hɔ, enti ɔman no nwiinwii tiaa Mose sɛ:+ “Adɛn nti na woayi yɛn afiri Egypt aba ha sɛ sukɔm mmɛkunkum yɛne yɛn mma ne yɛn nyɛmmoa?” 4 Ɛnna Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ ɔman yi? Aka kakraa bi na wɔasi me aboɔ!”
5 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa poma a wode bɔɔ Asubɔnten Nil mu no kura;+ fa Israel mpanimfoɔ no bi ka wo ho, na di ɔman no anim kɔ. 6 Hwɛ, mɛgyina w’anim wɔ Horeb botan so. Fa poma no bɔ botan no, na nsuo bɛfiri mu aba ama ɔman no anom.”+ Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanimfoɔ no anim. 7 Na ɔfrɛɛ hɔ Masa*+ ne Meriba,*+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na Israelfoɔ no ne Mose hameeɛ, na ɛhɔ na wɔsɔɔ Yehowa hwɛeɛ.+ Wɔbisaa sɛ: “Yehowa wɔ yɛn mu anaa ɔnni yɛn mu?”
8 Ɛno akyi Amalekfoɔ+ ne Israelfoɔ bɛkoo wɔ Refidim.+ 9 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yosua+ sɛ: “Yi mmarima ma wɔne Amalekfoɔ nkɔko. Ɔkyena mɛkura nokorɛ Nyankopɔn no poma no akɔgyina kokoɔ no so.” 10 Na Yosua yɛɛ deɛ Mose ka kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.+ Ɔne Amalekfoɔ no kɔkoeɛ, na Mose ne Aaron ne Hur+ foro kɔgyinaa kokoɔ no so.
11 Sɛ Mose ma ne nsa so kɔ soro a, na Israelfoɔ no redi nkonim, nanso sɛ ɔgyaa ne nsa mu ba fam a, na Amalekfoɔ no redi nkonim. 12 Berɛ a Mose nsa gyeneeɛ no, Aaron ne Hur faa boɔ de no tenaa so, na wɔsosɔɔ ne nsa mu. Ná baako wɔ benkum na baako nso wɔ nifa, na ne nsa amma fam kɔsii sɛ awia kɔtɔeɛ. 13 Enti Yosua de sekan dii Amalek ne ne dɔm so nkonim.+
14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ wei wɔ nwoma no mu na ɛnkae mo, na si so dua kyerɛ Yosua sɛ, ‘Mɛpepa Amalekfoɔ, na wɔrenkae wɔn bio da wɔ ɔsoro ase.’”+ 15 Mose sii afɔrebukyia na ɔtoo din Yehowa-Nisi,* 16 na ɔkaa sɛ: “Ɛsiane sɛ wɔama wɔn nsa so atia Yah+ ahennwa nti, Yehowa ne Amalek bɛko wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+