Genesis 33:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na ɔsene kɔdii kan na ɔbɔɔ ne mu ase mprɛ nson kɔsii sɛ ɔduruu ne nua no nkyɛn.+ 2 Samuel 14:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Enti Yoab kɔɔ ɔhene anim kɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene anim bɛkoto de n’anim butuu fam ɔhene anim, na ɔhene fee Absalom ano.+ Romafoɔ 12:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu.+ Monni kan mfa anidie+ mma mo ho mo ho.
33 Enti Yoab kɔɔ ɔhene anim kɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene anim bɛkoto de n’anim butuu fam ɔhene anim, na ɔhene fee Absalom ano.+