17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo, na ɔbɛto ɔsoro mu na nsuo rentɔ,+ na asase remmɔ aduane. Ɛba saa a, ɛrenni da bi na moawuwu afiri asase pa a Yehowa de ama mo no so.+
7 “‘Enti aka abosome mmiɛnsa ama twaberɛ aduro no mamma nsuo antɔ amma mo;+ na memaa nsuo tɔɔ kuro baako mu, nanso mamma no antɔ kuro foforɔ mu. Nsuo tɔ guu asase baako so, na asase a mamma nsuo antɔ angu soɔ no so woo wesee.+