Yesaia 8:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na wɔdane wɔn ani hwɛ asase so a, hwɛ, ɔhaw ne esum kabii+ ne abɛbrɛsɛ ne kusuuyɛ nko, na hann nni baabiara.+ Yeremia 4:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Mehwɛɛ asase no, na hwɛ! ada mpan na ayɛ amamfõ;+ mehwɛɛ ɔsoro nso, na ne hann nni hɔ bio.+ Yoel 2:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Asase hinhim wɔn anim, na ɔsoro woso. Awia ne bosome dane sum,+ na nsoromma gyae hyerɛn.+ Amos 8:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Saa da no, mɛma awia akɔtɔ awiaberɛ+ na mama sum aduru asase no so awia ketee.
22 Na wɔdane wɔn ani hwɛ asase so a, hwɛ, ɔhaw ne esum kabii+ ne abɛbrɛsɛ ne kusuuyɛ nko, na hann nni baabiara.+
9 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Saa da no, mɛma awia akɔtɔ awiaberɛ+ na mama sum aduru asase no so awia ketee.