Yeremia 4:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Ɛno nti asase no bɛdi awerɛhoɔ,+ na ɔsoro bɛduru sum,+ ɛfiri sɛ me na makasa, na me na madwene ho. Merennu me ho, na merensan mfiri ho.+ Yoel 2:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Awia bɛdane sum+ na bosome adane mogya+ ansa na Yehowa da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.+ Mateo 24:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 “Nna no mu ahohiahia no akyi pɛɛ no, awia bɛduru sum+ na bosome+ renhyerɛn, na nsoromma bɛfiri soro ahwehwe fam, na wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.+ Luka 21:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “Bio nso, nsɛnkyerɛnne bɛba awia+ ne bosome ne nsoromma so, na amanaman ho ayera wɔn asase so a wɔrenhunu deɛ wɔnyɛ ɛsiane ɛpo+ a ɛrehuro na ɛrebu fa soɔ+ nti, Asomafoɔ Nnwuma 2:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 awia+ bɛdane sum na bosome adane mogya ansa na Yehowa da kɛseɛ a ɛkyɛn soɔ no aba.+ Adiyisɛm 9:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na ɔbuee amena no ano, na wisie+ firii mu baa te sɛ fononoo+ kɛseɛ mu wisie, na amena no mu wisie nti, awia duruu sum,+ na wiem nso saa ara.
28 Ɛno nti asase no bɛdi awerɛhoɔ,+ na ɔsoro bɛduru sum,+ ɛfiri sɛ me na makasa, na me na madwene ho. Merennu me ho, na merensan mfiri ho.+
29 “Nna no mu ahohiahia no akyi pɛɛ no, awia bɛduru sum+ na bosome+ renhyerɛn, na nsoromma bɛfiri soro ahwehwe fam, na wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.+
25 “Bio nso, nsɛnkyerɛnne bɛba awia+ ne bosome ne nsoromma so, na amanaman ho ayera wɔn asase so a wɔrenhunu deɛ wɔnyɛ ɛsiane ɛpo+ a ɛrehuro na ɛrebu fa soɔ+ nti,
2 Na ɔbuee amena no ano, na wisie+ firii mu baa te sɛ fononoo+ kɛseɛ mu wisie, na amena no mu wisie nti, awia duruu sum,+ na wiem nso saa ara.