Yesaia 5:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Saa da no, wɔbɛworo agu ne so te sɛ po a ɛreworɔ.+ Nnipa bɛhwɛ asase no so, na wɔbɛhunu esum kabii wɔ hɔ.+ Na nsuo bɛtɔ ama hann mpo adane sum. Yesaia 50:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Mede sum kataa soro,+ na mede atweaatam yɛɛ ne nkataho.”+ Yoel 2:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɛyɛ esum ne kusuuyɛ da,+ mununkum ne kusukuukuu da; ɛte sɛ adekyeeɛ hann a ɛkata mmepɔ soɔ.+ “Ɔman bi wɔ hɔ a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den;+ ɛso bi mmaa da firi teteete,+ na wɔn akyi nso, ebi remma bio, awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ mfeɛ mu. Yoel 2:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 “Na mɛma anwanwadeɛ aba soro+ na mama mogya ne egya ne wisie kumɔnn aba asase so.+
30 Saa da no, wɔbɛworo agu ne so te sɛ po a ɛreworɔ.+ Nnipa bɛhwɛ asase no so, na wɔbɛhunu esum kabii wɔ hɔ.+ Na nsuo bɛtɔ ama hann mpo adane sum.
2 Ɛyɛ esum ne kusuuyɛ da,+ mununkum ne kusukuukuu da; ɛte sɛ adekyeeɛ hann a ɛkata mmepɔ soɔ.+ “Ɔman bi wɔ hɔ a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den;+ ɛso bi mmaa da firi teteete,+ na wɔn akyi nso, ebi remma bio, awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ mfeɛ mu.