Genesis 32:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Enti Yakob frɛɛ hɔ Peniel,+ ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, “Mahunu Onyankopɔn animu ne animu, nanso manya me tiri adidi mu.”+ Exodus 33:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ɔde kaa ho sɛ: “Worentumi nhunu m’anim, ɛfiri sɛ onipa biara renhunu m’anim nnya nkwa.”+ Atemmufoɔ 6:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Afei Gideon hunuu sɛ ɛyɛ Yehowa bɔfoɔ.+ Enti Gideon kaa sɛ: “Ei, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Yehowa bɔfoɔ na mahunu n’anim yi!”+ Atemmufoɔ 13:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Ɛkwan biara so yɛbɛwu,+ ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ahunu Onyankopɔn.”+ Yohane 1:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Onipa biara nni hɔ a wahunu Onyankopɔn pɛn;+ onyame+ a wɔwoo no korɔ a ɔda Agya no kokom no,+ ɔno na wakyerɛ sɛdeɛ Agya no teɛ.+ Yohane 4:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Onyankopɔn yɛ Honhom,+ na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no honhom ne nokorɛ mu.”+
30 Enti Yakob frɛɛ hɔ Peniel,+ ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, “Mahunu Onyankopɔn animu ne animu, nanso manya me tiri adidi mu.”+
22 Afei Gideon hunuu sɛ ɛyɛ Yehowa bɔfoɔ.+ Enti Gideon kaa sɛ: “Ei, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Yehowa bɔfoɔ na mahunu n’anim yi!”+
18 Onipa biara nni hɔ a wahunu Onyankopɔn pɛn;+ onyame+ a wɔwoo no korɔ a ɔda Agya no kokom no,+ ɔno na wakyerɛ sɛdeɛ Agya no teɛ.+