Exodus 33:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ɔde kaa ho sɛ: “Worentumi nhunu m’anim, ɛfiri sɛ onipa biara renhunu m’anim nnya nkwa.”+ Deuteronomium 4:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na Yehowa firi gya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhunu nipasu+ biara; ɛnne kɛkɛ na moteeɛ.+ Deuteronomium 4:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “Enti monhwɛ mo kra so yie,+ ɛfiri sɛ da a Yehowa firi gya mu ne mo kasaa Horeb no, moanhunu nipasu+ biara. Yohane 1:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Onipa biara nni hɔ a wahunu Onyankopɔn pɛn;+ onyame+ a wɔwoo no korɔ a ɔda Agya no kokom no,+ ɔno na wakyerɛ sɛdeɛ Agya no teɛ.+ Yohane 4:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Onyankopɔn yɛ Honhom,+ na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no honhom ne nokorɛ mu.”+
12 Na Yehowa firi gya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhunu nipasu+ biara; ɛnne kɛkɛ na moteeɛ.+
15 “Enti monhwɛ mo kra so yie,+ ɛfiri sɛ da a Yehowa firi gya mu ne mo kasaa Horeb no, moanhunu nipasu+ biara.
18 Onipa biara nni hɔ a wahunu Onyankopɔn pɛn;+ onyame+ a wɔwoo no korɔ a ɔda Agya no kokom no,+ ɔno na wakyerɛ sɛdeɛ Agya no teɛ.+