29 Na wode wo tiri bɛpempem awia ketee sɛ nifirani a ɔde ne tiri pempem wɔ sum a ɔwɔ mu mu,+ na w’akwan rensi wo yie. Afoforɔ bɛsisi wo daa na wɔawia wo ho nneɛma, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye woɔ.+
52 Na wɔbɛka wo ahyɛ wo nkuro mu akɔsi sɛ w’abantenten a wode wo ho ato soɔ no bɛbubu wɔ asase no nyinaa soɔ. Nokwasɛm nie, wɔbɛka wo ahyɛ wo nkuro mu wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so baabiara.+
23 Na mede bɛhyɛ wɔn a wɔha woɔ no nsam,+ wɔn a wɔka kyerɛɛ wo kra sɛ, ‘Butu hɔ na yɛmfa wo so,’ na wode w’akyi yɛɛ sɛ fam anaa kurom kwan maa wɔn a wɔtwam no.”+