24 na egya firi Yehowa anim+ bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ no. Berɛ a nnipa no nyinaa hunuiɛ no, wɔteateaam+ na wɔde wɔn anim butubutuu fam.
21 Afei Yehowa bɔfoɔ no de poma a ɔkura no ano kaa nam ne paanoo no, na egya firi ɔbotan no mu bɛhyee nam ne paanoo no.+ Na Yehowa bɔfoɔ no yera firii n’anim.
26 Ɛnna Dawid sii afɔrebukyia+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so. Ɔmaa ne nne so frɛɛ Yehowa+ na afei ɔgyee ne so, na ɔtɔɔ gya+ firi soro bɛguu ɔhyeɛ afɔdeɛ no so.