Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
18 Akyire yi, Yehowa ne Elia kasaa wɔ afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu+ sɛ: “Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, na mɛma nsuo atɔ agu asaase no so.”+ 2 Enti Elia kɔɔ sɛ ɔde ne ho rekɔkyerɛ Ahab. Saa berɛ no, na ɛkɔm no mu ayɛ den+ wɔ Samaria.
3 Saa berɛ no ara mu na Ahab frɛɛ Obadia a ɔyɛ ne fiepanin no. (Ná Obadia yɛ obi a ɔsuro Yehowa paa, 4 na berɛ a Yesebel+ rekunkum Yehowa adiyifoɔ* no, Obadia faa adiyifoɔ no mu 100 de wɔn kɔhintaa ɔbodan mu, aduonum aduonum, na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo.) 5 Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: “Kɔhwehwɛ asaase no so nsutire ne nsubɔn nyinaa ho. Ebia yɛbɛnya serɛ a ɛbɛso mmoa no, na ama yɛatumi akora apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ no nkwa so, anyɛ saa a, yɛn mmoa nyinaa bɛwuwu.” 6 Enti wɔkyɛɛ asaase no mu maa obiara faa ne kwan. Ahab de n’ani kyerɛɛ baabi, na Obadia nso de n’ani kyerɛɛ baabi foforɔ.
7 Berɛ a Obadia nam kwan so rekɔ no, Elia bɛhyiaa no. Ɛhɔ ara na ɔhuu sɛ ɛyɛ ɔno a, na ɔde n’anim butuu fam bisaa sɛ: “Me wura Elia nie anaa?”+ 8 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me a. Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: ‘Elia aba ha.’” 9 Nanso ɔbuaa sɛ: “Bɔne bɛn na mayɛ a enti wopɛ sɛ wode w’akoa hyɛ Ahab nsa ma no ku me? 10 Sɛ́ Yehowa wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahennie biara nni hɔ a me wura nsoma nkɔhwehwɛɛ wo wɔ hɔ. Sɛ wɔka sɛ, ‘Onni ha’ a, ɔma ahennie anaa ɔman no ka ntam sɛ wɔnhuu wo.+ 11 Nanso wose: ‘Kɔka kyerɛ wo wura sɛ, “Elia aba ha.”’ 12 Sɛ mefiri w’anim kɔ a, Yehowa honhom bɛfa wo akɔ+ baabi a mennim, na sɛ mekɔbɔ Ahab amanneɛ na wanhu wo a, deɛ ɛbɛyɛ biara ɔbɛku me. Nanso w’akoa deɛ, ɛfiri me mmɔfraase na masuro Yehowa. 13 Wɔnkaa deɛ meyɛeɛ nkyerɛɛ me wura berɛ a Yesebel rekunkum Yehowa adiyifoɔ no anaa? Mede Yehowa adiyifoɔ no mu 100 kɔhintaa ɔbodan mu, aduonum aduonum, na memaa wɔn aduane ne nsuo daa.+ 14 Seesei sɛ mekɔka kyerɛ me wura sɛ, ‘Mahu Elia’ sɛdeɛ woreka yi a, deɛ ɛteɛ biara ɔbɛku me.” 15 Ɛnna Elia kaa sɛ: “Sɛ́ asafo Yehowa a mesom no* no te ase yi, ɛnnɛ mɛma wahu me.”
16 Enti Obadia kɔhwehwɛɛ Ahab bɔɔ no amanneɛ, na Ahab kɔhyiaa Elia.
17 Berɛ a Ahab huu Elia pɛ, Ahab bisaa no sɛ: “Wo a wode mmusuo aba Israel so, wonie?”
18 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Ɛnyɛ me na mede mmusuo aba Israel so, ɛyɛ wo ne wo papa fiefoɔ, ɛfiri sɛ moagya Yehowa mmara nsɛm akɔdi Baal anyame akyi.+ 19 Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmɛhyia me wɔ Karmel Bepɔ+ so, wɔne Baal adiyifoɔ 450 no ne abosonnua*+ ho adiyifoɔ 400 a wɔdidi Yesebel pono so no.” 20 Enti Ahab de nkra kɔmaa Israelfoɔ nyinaa, na wɔkɔboaboaa adiyifoɔ no ano baa Karmel Bepɔ so.
21 Ɛnna Elia twe bɛn ɔman no nyinaa kaa sɛ: “Mo adwene bɛhinhim wɔ asɛm yi mu* akɔsi da bɛn?+ Sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no a, monni n’akyi,+ na sɛ Baal nso a, monni n’akyi.” Nanso ɔman no amma no mmuaeɛ biara. 22 Afei Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Me nko ara me ne Yehowa diyifoɔ a maka,+ nanso Baal adiyifoɔ yɛ 450. 23 Momma wɔmma yɛn anantwinini nkumaa mmienu, na wɔmfa nantwie kumaa baako na wɔntwitwa mu asinasini ngu anyina so, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde gya to mu. Me nso mɛyɛ nantwie kumaa a aka no ho adwuma de agu anyina so, nanso meremfa gya nto mu. 24 Mowie a, mommɔ mo nyame din mfrɛ no,+ na me nso mɛbɔ Yehowa din afrɛ no. Onyame a ɔbɛgye so atɔ gya abɛgu so no, ɔno ne nokorɛ Nyankopɔn no.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa buaa sɛ: “Wonkaa bɔne.”
25 Afei Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ: “Monyi nantwinini kumaa baako, na monni kan nyɛ mo deɛ ho adwuma, ɛfiri sɛ mo na modɔɔso. Mowie a, mommɔ mo nyame din mfrɛ no, nanso ɛnsɛ sɛ mode gya to mu.” 26 Ɛnna wɔfaa nantwinini a ɔde maa wɔn no. Afei wɔyɛɛ ho adwuma, na wɔbɔɔ Baal din frɛɛ no firii anɔpa kɔsii awia* sɛ: “O Baal, gye yɛn so!” Nanso wɔante nne biara, na obiara nso annye so.+ Saa berɛ no nyinaa, na wɔrehurihuri twa afɔrebukyia a wɔasi no ho hyia. 27 Ɛduruu awia no, Elia firii aseɛ dii wɔn ho fɛ sɛ: “Monteateam dendeenden! Sɛ́ ɔyɛ onyame!+ Ebia na ɔredwene asɛm bi ho, anaa ɔrekɔgya ne nan.* Ebi nso a wada, na ɛsɛ sɛ obi nyane no!” 28 Wɔteateaam dendeenden, na sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ no, wɔde nsekan twitwaa wɔn ho de mpea wowɔɔ wɔn ho ara maa wɔn ho nyinaa yɛɛ mogya. 29 Ɛduruu awia* nyinaa, na wɔgu so rekɔm,* na wɔtoaa so ara kɔsii anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔreɛ no, nanso wɔante nne biara, obiara annye so, na wɔante obiara nka.+
30 Afei Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Montwe mmɛn me.” Na ɔman no nyinaa twe bɛn no. Ɛnna ɔsiesiee Yehowa afɔrebukyia a wɔabubu no no.+ 31 Afei Elia sesaa aboɔ 12 sɛdeɛ Yakob mma mmusuakuo no dodoɔ teɛ; Yakob na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔbɛfrɛ wo Israel” no.+ 32 Ɔde aboɔ no sii afɔrebukyia+ wɔ Yehowa din mu. Afei ɔtuu amena wɔ afɔrebukyia no ho hyiaeɛ; ná amena no kɛseɛ te sɛ asaase a wɔbɛtumi agu aba seah susudeɛ* mmienu wɔ so. 33 Ɛno akyi no, ɔhyehyɛɛ anyina no wɔ so, na ɔtwitwaa nantwinini no mu asinasini de guu anyina no so.+ Afei ɔkaa sɛ: “Momfa nsuo nhyehyɛ nhina akɛseɛ nnan amaama, na monhwie ngu ɔhyeɛ afɔreɛ ne anyina no so.” 34 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Monsan nyɛ bio.” Na wɔsan yɛɛ bio. Na ɔsan kaa sɛ: “Monyɛ no ne mprɛnsa so.” Na wɔyɛɛ no ne mprɛnsa so. 35 Enti nsuo no fefaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ, na amena no nso, ɔde nsuo hyɛɛ no ma.
36 Berɛ a aduane afɔreɛ berɛ duruu so anwummerɛ no,+ Elia twe bɛn afɔrebukyia no, na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Abraham+ ne Isak+ ne Israel Nyankopɔn, ɛnnɛ ma wɔnhu sɛ wone Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ w’akoa, na w’asɛm nti na mayɛ weinom nyinaa.+ 37 Gye me so, O Yehowa, gye me so, na ɔman yi nhu sɛ wo Yehowa, wone nokorɛ Nyankopɔn no, na wo na woredane wɔn akoma aba wo nkyɛn bio.”+
38 Ɛnna Yehowa gya tɔ firii soro baeɛ, na ɛbɛhyee ɔhyeɛ afɔreɛ no+ ne anyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛmaa nsuo a ɛwɔ amena no mu wee.+ 39 Berɛ a ɔman no nyinaa hunuiɛ no, ntɛm ara na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: “Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn! Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn!” 40 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkye Baal adiyifoɔ no! Mommma wɔn mu baako mpo nnnwane!” Ɛhɔ ara na wɔkyee wɔn, na Elia de wɔn siane kɔɔ Kison nsuo*+ no ho kɔkunkum wɔn wɔ hɔ.+
41 Afei Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Kɔ na kɔdidi na nom ɛfiri sɛ mate nsuo kɛseɛ nka.”+ 42 Enti Ahab kɔdidi nomeeɛ. Elia deɛ, ɔforo kɔɔ Karmel atifi kɔbɔɔ ne mu ase na ɔde ne ti sii fam wɔ ne nkotodwe anim.+ 43 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ sɛ: “Mesrɛ wo, foro fa w’ani kyerɛ po na hwɛ deɛ ɛrekɔ so.” Enti ɔkɔhwɛeɛ, na ɔkaa sɛ: “Manhunu hwee.” Elia kaa no mprɛ nson kyerɛɛ no sɛ, “San kɔ.” 44 Berɛ a ne somfoɔ no kɔɔ deɛ ɛtɔ so nson no, ɔbɛkaa sɛ: “Hwɛ! mehuu mununkum ketewa bi a ne kɛseɛ te sɛ onipa nsam sɛ ɛfiri po mu reforo kɔ soro.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔka kyerɛ Ahab sɛ, ‘Siesie wo teaseɛnam na siane kɔ, na nsuo anka wo anhyɛ ha!’” 45 Mununkum maa wiem yɛɛ tumm, na mframa bɔe na nsuo kɛseɛ tɔe.+ Na Ahab de ne teaseɛnam kɔe ara kɔsii sɛ ɔduruu Yesreel.+ 46 Yehowa nsa hyɛɛ Elia den, na ɔde n’ataadeɛ kyekyeree n’asene* tuu mmirika, na ɔsian Ahab ho kɔe ara kɔduruu Yesreel.