5 Nkoto wɔn na mma biribiara nntwetwe wo mma wonkɔsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ Na agyanom a wɔtan me no, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom so,
15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Yehowa a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no;+ sɛ anyame a mo agyanom som wɔn wɔ Asubɔnten no* agya no oo,+ sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asaase so no anyame oo,+ monyi deɛ mobɛsom no. Na me ne me fiefoɔ deɛ, yɛbɛsom Yehowa.”
3 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: “Sɛ mo akoma nyinaa na mode aba Yehowa nkyɛn bio a,+ ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame+ a ɛwɔ mo mu ne Astoret ahoni+ no mfiri mo mu, na momfa mo akoma nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nko ara,+ na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ no nsam.”+