1 Ahemfo
16 Ɛnna Yehowa asɛm baa Hanani+ ba Yehu+ nkyɛn tiaa Baasa sɛ: 2 “Me na memaa wo so firii mfuturo mu+ yɛɛ wo me man Israel so panin,+ nanso ɛsiane sɛ woafa Yeroboam kwan soɔ,+ na woama me man Israel ayɛ bɔne de wɔn bɔne+ ahyɛ me abufuo nti, 3 merebɛpra Baasa ne ne fie nyinaa akɔ, na mɛyɛ ne fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie.+ 4 Baasa ho nipa biara a ɔbɛwu kuro mu no, nkraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wuram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.”+
5 Baasa ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 6 Na Baasa ne n’agyanom kɔdaeɛ, na wɔsiee no wɔ Tirsa,+ na ne ba Ela bɛdii n’adeɛ. 7 Bio nso, Yehowa nam Hanani ba odiyifoɔ Yehu so kasa tiaa Baasa ne ne fie,+ ɛfiri sɛ ɔyɛɛ Yehowa bɔne de ne nsa ano adwuma+ hyɛɛ no abufuo+ sɛ Yeroboam fie, na ɔkum Nadab nso.+
8 Yuda hene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nsia mu no, Baasa ba Ela bɛyɛɛ Israel hene mfeɛ mmienu wɔ Tirsa. 9 Berɛ a ɔwɔ Tirsa fiepanin+ Arsa fie rewe nsã+ bo wɔ Tirsa no, n’akoa Simri,+ nteaseɛnam fã so panin no bɔɔ ne ho pɔ. 10 Na Simri kɔɔ ne so kɔbɔɔ+ no kum no Yuda hene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu, na ɔbɛdii n’adeɛ. 11 Berɛ a ɔbɛtenaa ahennwa no so dii hene ara pɛ na ɔkunkum Baasa fiefoɔ nyinaa. Wannya barima+ biara anaa ne ho nipa biara a ɔbɛtumi abɛtɔ werɛ,+ anaa n’adamfo biara. 12 Enti Simri tɔree Baasa fiefoɔ nyinaa ase,+ sɛdeɛ Yehowa asɛm+ a ɔnam odiyifoɔ Yehu so ka tiaa Baasa no teɛ;+ 13 bɔne a Baasa ne ne ba Ela yɛeɛ+ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne de wɔn abosonhuhuo no hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo+ no nyinaa nti na ɛbaa saa. 14 Ela ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu.
15 Yuda hene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu no, Simri bɛdii hene nnanson+ wɔ Tirsa, berɛ a ɔman no akyere Gibeton+ a ɛwɔ Filistifoɔ asase soɔ no ho nsraban no. 16 Saa berɛ no, nnipa a wɔakyere nsraban no nyaa nkra sɛ: “Simri abɔ ɔhene ho pɔ aku no.” Enti Israel nyinaa de ɔsahene Omri+ sii Israel so hene wɔ nsraban no mu saa da no. 17 Ɛnna Omri ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa firii Gibeton, na wɔbɛtwaa Tirsa ho hyiaeɛ.+ 18 Afei berɛ a Simri hunuu sɛ wɔafa kuro no, ntɛm ara na ɔkɔɔ ahemfie abantenten mu hɔ, na ɔde gya too mu hyee ne ho ne ahemfie no, na ɔwuiɛ;+ 19 bɔne a ɔyɛeɛ, sɛ́ ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na ɔnantee Yeroboam kwan soɔ ne bɔne a ɔmaa Israel nso yɛeɛ+ no nti na ɛbaa saa. 20 Simri ho nsɛm a aka ne pɔ a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu.
21 Saa berɛ no, Israel man no mu kyɛɛ mmienu.+ Ɔman no fã kɔdii Ginat ba Tibni akyi sii no hene, na ɛfã a aka no nso kɔdii Omri akyi. 22 Ɛwiee aseɛ no, Omri akyitaafoɔ no dii Ginat ba Tibni akyitaafoɔ no so nkonim. Ɛnna Tibni wuiɛ, na Omri dii hene.
23 Yuda hene Asa afe a ɛtɔ so aduasa baako mu no, Omri bɛyɛɛ Israel hene mfeɛ dumienu. Ɔdii adeɛ mfeɛ nsia wɔ Tirsa. 24 Ɔtɔɔ Samaria bepɔ firii Semer hɔ maa no dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu, na ɔkyekyeree kuro wɔ bepɔ no so, na ɔde bepɔ no wura Semer din too kuro a ɔkyekyereeɛ no so, na ɔfrɛɛ no Samaria.+ 25 Na Omri yɛɛ Yehowa ani so bɔne; ɔyɛɛ bɔne senee wɔn a wɔdii n’anim nyinaa.+ 26 Ɔfaa Nebat ba Yeroboam kwan+ nyinaa ne bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Israel nso yɛɛ bɔne no so, bɔne a wɔyɛeɛ de wɔn abosonhuhuo no hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo+ no. 27 Omri ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 28 Na Omri ne n’agyanom kɔdaeɛ, na wɔsiee no Samaria, na ne ba Ahab+ bɛdii n’adeɛ.
29 Omri ba Ahab nso bɛdii Israel so hene wɔ Yuda hene Asa afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu. Omri ba Ahab dii Israel so hene mfeɛ aduonu mmienu wɔ Samaria.+ 30 Na Omri ba Ahab yɛɛ Yehowa ani so bɔne senee wɔn a wɔdii n’anim nyinaa.+ 31 Na wammu no hwee+ sɛ ɔbɛnante Nebat ba Yeroboam bɔne mu,+ na mpo ɔkɔwaree+ Sidonfoɔ+ hene Etbaal babaa Yesebel,+ na ɔkɔsom Baal+ bɔɔ ne mu ase maa no. 32 Bio nso ɔsii afɔrebukyia maa Baal wɔ Baal fie+ a ɔsii no Samaria no. 33 Na Ahab sii bosom dua;+ enti Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo+ senee Israel ahemfo a wɔdii n’anim nyinaa.
34 Ne berɛ so na Betelni Hiel kyekyeree Yeriko. Ɔde ne ba panin Abiram twaa so de too kuro no fapem, na ɔde ne ba kumaa Segub twaa so de sisii n’apono sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kaeɛ no teɛ.+