5 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
7 Ɔyi n’adɔeɛ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.”+