54 Ntɛm ara na ɔfrɛɛ n’akoa a ɔkura n’akodeɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Twe wo nkrantɛ ku me,+ na nkurɔfoɔ anka sɛ, ‘Ɔbaa na ɔkuu no.’” Ntɛm ara, n’akoa no de ne nkrantɛ wɔɔ no maa no wuiɛ.+
4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ deɛ ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Twe wo nkrantɛ+ fa hwire me mu na momonotofoɔ+ yi ammɛhwire me mu anyɛ me aninyanneɛ.” Nanso n’akodeɛkurafoɔ no ampɛ sɛ ɔyɛ saa,+ ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka no. Enti Saul faa nkrantɛ no na ɔhwee so.+
23 Ahitofel deɛ, berɛ a ɔhunuu sɛ wɔamfa n’afotuo anyɛ adwuma+ no, ɔhyehyɛɛ afunumu, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔhyɛɛ ne fie nsamanseɛ,+ na ɔsɛn+ ne ho wuiɛ.+ Na wɔsiee+ no n’agyanom asieeɛ.