Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 32:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Wɔn deɛ, wɔde anyamehunu ahuru me bo;+

      Na wɔde abosonhuhuo ahyɛ me abufuo;+

      Me nso, mede ɔman hunu bɛhuru wɔn bo;+

      Na mede ɔman agyimfoɔ bɛyi wɔn ahi.+

  • 1 Samuel 12:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Monnnane nnkɔdi ahuhudeɛ+ a mfasoɔ biara nni soɔ+ na ɛntumi nnye nkwa akyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ ahuhudeɛ.

  • 2 Ahemfo 17:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne apam+ a ɔne wɔn agyanom yɛeɛ ne ne nkaesɛm+ a ɔde bɔɔ wɔn kɔkɔ no, na wɔkɔdii abosonhuhuo+ akyi, na wɔn nso bɛyɛɛ ahuhufoɔ,+ na wɔde suasuaa amanaman a atwa wɔn ho ahyia a Yehowa hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn+ no nyinaa.

  • Yesaia 41:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ biribi a ɛnni hɔ. Wɔn nnwuma yɛ adehunu. Wɔn dadeɛ ahoni yɛ mframa ne ahuhudeɛ.+

  • Yeremia 10:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Nnipa nyinaa nni nteaseɛ ma enti wɔnni nimdeɛ.+ Ɔtomfoɔ biara ani bɛwu ne honi a wayɛ ho,+ ɛfiri sɛ ne dadeɛ honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+

  • Asomafoɔ Nnwuma 14:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 kaa sɛ: “Mmarima, adɛn nti na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa+ a yɛwɔ mmerɛyɛ+ te sɛ mo ara, na yɛreka asɛmpa akyerɛ mo na ama moadane mo ho afiri nneɛma hunu+ yi ho aba Onyankopɔn teasefoɔ+ a ɔyɛɛ ɔsoro+ ne asase ne po ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no nkyɛn.

  • Romafoɔ 1:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 na wɔdanee Onyankopɔn a ɔmporɔ no animuonyam+ yɛɛ no sɛ onipa a ɔporɔ ne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam+ honi.+

  • 1 Korintofoɔ 8:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+

  • 1 Korintofoɔ 10:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Ɛnneɛ ɛdeɛn na menka? Sɛ́ deɛ wɔde bɔ afɔdeɛ ma bosom no yɛ biribi, anaa bosom yɛ biribi?+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane