4 Enti berɛ a Yesebel+ kunkum Yehowa adiyifoɔ+ no, Obadia faa adiyifoɔ no mu ɔha de wɔn kɔhuntaa ɔbodan mu, aduonum aduonum, na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo.)+
19 Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmɛhyia me Bepɔ Karmel+ so, wɔne Baal adiyifoɔ+ ahanan aduonum ne abosonnua+ ho adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Yesebel+ pono soɔ no.”
7 Ɛnna ne yere Yesebel ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na wodi Israel so hene?+ Sɔre didi na ma w’akoma ani nnye. Me ara mede Yesreelni Nabot bobeturo no bɛma wo.”+
20 “‘Nanso mewɔ yei tia wo, sɛ wogyegye saa ɔbaa Yesebel+ no so, deɛ ɔfrɛ ne ho odiyifoɔbaa na ɔkyerɛkyerɛ+ me nkoa+ na ɔdaadaa wɔn ma wɔbɔ adwaman+ na wɔdi nneɛma a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom no.+