Yeremia
42 Ɛnna asahene no nyinaa ne Karea ba Yohanan+ ne Hosaia ba Yesania* ne nnipa no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so baeɛ, 2 na wɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, tie yɛn adesrɛ yi, na bɔ Yehowa wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, yɛn a yɛaka yi nyinaa. Ɛfiri sɛ nnipa bebree no, kakraa bi na aka,+ sɛdeɛ wohunu yi. 3 Ma Yehowa wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so ne deɛ yɛnyɛ.”
4 Ɛnna odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mate deɛ moaka no, na mɛbɔ Yehowa mo Nyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ moaka no. Na mmuaeɛ biara a Yehowa de bɛma mo no, mɛka akyerɛ mo. Meremfa asɛm baako mpo nsie mo.”
5 Na wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Akwankyerɛ a Yehowa wo Nyankopɔn bɛsoma ama woabɛka akyerɛ yɛn no, sɛ yɛanni so pɛpɛɛpɛ a, Yehowa ne yɛn danseni nokwafoɔ a ɔnni hwammɔ. 6 Papa oo, bɔne oo, yɛbɛtie Yehowa yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no, na asi yɛn yie, ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yɛtie n’asɛm.”
7 Nnafua du akyi no, Yehowa ne Yeremia kasae. 8 Enti ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho nyinaa ne nnipa no nyinaa bae, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.+ 9 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto n’anim no aka nie: 10 ‘Sɛ mokɔ so tena asaase yi so a, me nso mɛma mo so asi hɔ, na merennwiri mo ngu; mɛdua mo, na merentu mo ase, ɛfiri sɛ mɛnu me ho* sɛ mede mmusuo aba mo so.+ 11 Monnsuro Babilon hene a ne nti moabɔ hu no.’+
“‘Monnsuro no,’ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ meka mo ho, na mɛgye mo na mayi mo afiri ne nsam. 12 Na mɛhu mo mmɔbɔ,+ na ɔno nso bɛhu mo mmɔbɔ na wasan de mo akɔ mo asaase so.
13 “‘Na sɛ moka sɛ: “Daabi, yɛrentena asaase yi so!” na sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, 14 na moka sɛ: “Daabi, Egypt asaase so na yɛbɛkɔ,+ na ɛhɔ deɛ, yɛrenhunu ɛko, yɛrente abɛn nnyegyeeɛ, na ɛkɔm renne yɛn; ɛhɔ ara na yɛbɛtena” a, 15 ɛnneɛ montie Yehowa asɛm, O Yudafoɔ a moaka. Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Sɛ moasi mo bo sɛ Egypt na mobɛkɔ, na sɛ mokɔ kɔtena hɔ* ampa a, 16 ɛnneɛ sekan a mosuro no, ɛbɛtoa mo wɔ Egypt asaase so hɔ, na ɛkɔm a mosuro no, ɛbɛdi mo akyi akɔ Egypt, na ɛhɔ na mobɛwuwuo.+ 17 Na wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ Egypt akɔtena hɔ no nyinaa, sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* na ɛbɛkunkum wɔn. Mmusuo a mede reba wɔn so no, obiara remfiri mu nka, na obiara rennya ne tiri nnidi mu.”’
18 “Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: ‘Sɛdeɛ mehwiee m’abufuo ne m’abufuhyeɛ guu Yerusalemfoɔ so no,+ saa ara na sɛ mokɔ Egypt a, mɛhwie m’abufuhyeɛ agu mo so, na mobɛyɛ nnome, na moadane biribi a ɛyɛ hu, ne abusudeɛ, na mo anim bɛgu ase,+ na morenhunu ɛha yi bio.’
19 “Yehowa akasa akyerɛ mo, O Yudafoɔ a moaka. Monntu mo nan nnsi Egypt. Monhunu paa sɛ mabɔ mo kɔkɔ nnɛ sɛ 20 mo bɔne nti, mode mo nkwa* bɛtwa so. Ɛfiri sɛ mosomaa me kɔɔ Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ, ‘Bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na asɛm biara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka no, ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ.’+ 21 Maka akyerɛ mo nnɛ, nanso morentie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na deɛ wasoma ama mabɛka akyerɛ mo nso, morenyɛ mu biara.+ 22 Enti monhunu pefee sɛ, sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo na ɛbɛkunkum mo wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔ na mokɔtena hɔ no.”+