-
Yeremia 44:12-14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Na mɛfa Yudafoɔ a aka a wɔsii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ Egypt asaase so akɔtena hɔ no, na wɔn nyinaa bɛwuwu wɔ Egypt asaase so.+ Wɔbɛwuwu wɔ sekan ano, na ɛkɔm bɛma wɔn ase ahye. Ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, sekan ne ɛkɔm bɛkunkum wɔn nyinaa. Wɔbɛyɛ nnome, na wɔadane biribi a ɛyɛ hu, ne abusudeɛ, na wɔn anim bɛgu ase.+ 13 Na mede sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* bɛtwe wɔn a wɔtete Egypt asaase so no aso sɛdeɛ metwee Yerusalem aso no.+ 14 Na Yudafoɔ a aka a wɔakɔtena Egypt asaase so no, wɔrentumi nnwane, na wɔrennya wɔn tiri nnidi mu nsan nkɔ Yuda asaase so. Wɔn kɔn bɛdɔ* sɛ wɔbɛsan akɔ hɔ na wɔakɔtena hɔ, nanso wɔrensan nkɔ hɔ, gye nnipa kakraa bi a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu no.’”
-
-
Yeremia 44:27, 28Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
27 Mede m’ani asi wɔn so sɛ mɛyɛ wɔn bɔne na ɛnyɛ papa,+ na sekan ne ɛkɔm bɛkunkum Yuda mmarima a wɔwɔ Egypt asaase so nyinaa kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛsa.+ 28 Na nnipa kakraa bi na sekan no renkunkum wɔn a wɔbɛfiri Egypt asaase so akɔ Yuda asaase so.+ Na Yudafoɔ a aka a wɔbɛtenaa Egypt asaase so no nyinaa bɛhunu deɛ n’asɛm yɛ nokorɛ, sɛ me oo, sɛ wɔn oo!”’”
-